Dawid Di Israel Nyinaa So Ɔhene
1 Afei, Israel mmusuakuo no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, "Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. 2 Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’ "
3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.