Publicidade

Números 25

Moabfoɔ Daadaa Israelfoɔ

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ Sitim no, wɔn mu mmarima no bi hyɛɛ aseɛ ne Moab mmabaawa no bɔɔ adwaman de guu wɔn ho fi. 2 Saa mmabaawa yi too nsa frɛɛ wɔn wɔmmra wɔn afɔdeɛ a wɔbɔ ma wɔn anyame no ase. Ankyɛre biara, mmarima no kɔɔ wɔn apontoɔ ase na wɔsomm Moab anyame. 3 Ɛberɛ tiawa bi akyi, Israelfoɔ no nyinaa kɔsom Baal-peor a ɔyɛ Moabfoɔ nyame. Yei maa Awurade bo fuu ne nkurɔfoɔ no yie.

4 Ɔhyɛɛ saa mmara yi maa Mose , "Kunkum mpanimfoɔ a wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no nyinaa. Sɛn wɔn Awurade anim awia ketee sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼabufuo a ano den no bɛfiri wɔn so."

5 Enti, Mose hyɛɛ atemmufoɔ no ma wɔkunkumm wɔn a wɔsomm Baal-peor no nyinaa.

6 Nanso, Israelni ɔhantanni bi de Midiani ababaawa bi baa wɔn atenaeɛ maa Mose ne nnipa no nyinaa hunuu no ɛberɛ a na wɔn nyinaa gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono akyi retwa adwo no. 7 Ɛberɛ a Pinehas a ɔyɛ Eleasa babarima a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana hunuu yei no, ɔhuri sɔɔ pea mu 8 taa saa ɔbarima no so de no kɔwuraa ne ntomadan mu baabi a ɔfaa ɔbaa no. Ɔde pea no wowɔɔ ɔbarima no sane de wɔɔ ɔbaa no yafunu mu. Enti, ɔhaw no to twaa Israelfoɔ no mu, 9 nanso ɛkɔsi saa ɛberɛ no, na nnipa mpem aduonu ɛnan awuwu dada.

10 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 11 "Eleasa babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Aaron nana adwodwo mʼabufuo ano, ɛfiri , ɔbɔɔ mmɔden te me ara mʼanimuonyam ho, enti sɛdeɛ meyɛɛ mʼadwene mɛsɛe Israelfoɔ nyinaa no, magyae. 12 Enti ka kyerɛ no , me ne no rebɛyɛ asomdwoeɛ apam. 13 Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ afebɔɔ, ɛfiri watwe me, ne Onyankopɔn, ho ninkunu Israelfoɔ mu de ayɛ mpata ama wɔn."

14 Ɔbarima a wɔkumm no ne Midiani ababaawa no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a ɔtua Simeon abusuakuo ano no babarima. 15 Ɔbaa no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babaa.

16 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 17 "To hyɛ Midianfoɔ no so na sɛe wɔn, 18 ɛfiri , wɔfaa mo atamfoɔ, na wɔdaadaa mo ma mosomm Baal-peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babaa a wɔkumm no Peor ɔyaredɔm ɛda no."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-