Pular para o conteúdo
Publicidade

Números 35

Lewifoɔ Nkuro

1 Ɛberɛ a Israelfoɔ bɔɔ atenaseɛ Yordan ho, Moab tata so a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ no mu bi a ɛyɛ nkuro ne ɛho mmoa adidibea mma Lewifoɔ. 3 Nkuro no mu na wɔbɛtena na wɔn anantwie, wɔn nnwan ne wɔn mmoa a aka no nso akɔ adidi adidibea .

4 "Wɔn mmoa adidibea no kɛseɛ bɛfiri kuro no afasuo ho a ne fa biara tɛtrɛtɛ anammɔn apem ne ahanum. 5 Monsusu anammɔn mpensa mfiri kuro no afasuo no ho nʼafanan nyinaa. Yei bɛyɛ adidibea kɛseɛ ama nkuro no.

Dwanekɔbea Nkuropɔn

6 "Momma Lewifoɔ no dwanekɔbea nkuropɔn nsia, baabi a obi a wafom akum ɔfoforɔ no bɛtumi adwane akɔ. Momfa nkuro aduanan mmienu nka wɔn ho. 7 Ne nyinaa bɛyɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ho adidibea. 8 Saa nkuro yi bɛfiri Israelfoɔ no agyapadeɛ mu. Mmusuakuo no mu akɛseɛ bɛma Lewifoɔ no nkuro bebree na mmusuakuo nketewa no ama kakraa. Abusuakuo biara bɛma sɛdeɛ nʼagyapadeɛ kɛseɛ teɛ."

9 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 10 "Ka kyerɛ nnipa no , wɔduru asase no so a, 11 wɔnyi Dwanekɔbea Nkuro a wɔde bɛma obiara a wafom akum onipa na ɔpɛ ɔdwane . 12 Saa nkuro yi bɛyɛ dwanekɔbea ama owudifoɔ no afiri owufoɔ no abusuafoɔ a wɔpɛ wɔtɔ owufoɔ no wuo so awere; na ɛnsɛ wɔkum owudifoɔ no, gye wɔadi nʼasɛm abu no kumfɔ. 13 Ɛsɛ wɔsisi Dwanekɔbea Nkuro yi mu mmiɛnsa Kanaan asase so 14 na wɔsisi mmiɛnsa nso Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. 15 Ɛnyɛ Israelfoɔ nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn dwanekɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ahɔhoɔ ne akwantufoɔ nyinaa.

16 "Nanso, obi de dadeɛ poma sin bi obi kum no a, wɔfa no wadi awu, enti ɛsɛ wɔkum owudifoɔ no. 17 Anaasɛ, wɔde ɛboɔ kɛseɛ bi bɔɔ owufoɔ no a, ɛyɛ awudie enti ɛsɛ wɔkum owudifoɔ no. 18 Saa ara nso na wɔde dua na wɔde kumm no a, ɛte ara ne no. 19 ɔweretɔfoɔ no hyia owudifoɔ no baabiara a, ɔwɔ ho kwan ɔkum no bi. 20 Enti, obi nam ɔtan so to biribi obi, anaasɛ ɔtetɛ no, 21 anaa ɔde abufuo no kuturuku na onii no wu a, ɔyɛ owudifoɔ enti ɛsɛ ɔweretɔfoɔ no kum owudifoɔ no.

22 "Na nkwanhyia no mu, obi anhyɛ da na ɔtoo biribi anaa ɛboɔ bi a wanto no abufuo so, na ɔnnim ɛbɛbɔ obi 23 anaasɛ ɛnyɛ nʼadwene ɔbɛha ne ɔtamfoɔ, na onipa ko no wu a, 24 ɛsɛ wɔdi asɛm no. Wɔbɛhwɛ ɛyɛ nkwanhyia anaa ɛnyɛ nkwanhyia, anaasɛ ɛsɛ wɔde saa onipa no hyɛ owufoɔ no weretɔni nsa anaa wɔmmfa no nhyɛ ne sa. 25 wɔsi gyinaeɛ ɛyɛ nkwanhyia a, nnipa no bɛgye owudifoɔ no afiri ɔweretɔfoɔ no nsam. Wɔbɛma owudifoɔ no atena Dwanekɔbea Kuro no mu ara akɔsi ɔsɔfopanin bɛwu.

26 "owudifoɔ no firi kuro no mu 27 na ɔweretɔni no hyia no na ɔkum no tua ka a, wɔmmfa no ɛyɛ awudie, 28 ɛfiri , anka ɛsɛ owudifoɔ no tena kuro no mu kɔsi mmerɛ a ɔsɔfopanin no bɛwu. Ɔsɔfopanin no wuo akyi no, owudifoɔ no tumi ne kurom.

29 "Yei Israelfoɔ mmara a ɛwɔ daa firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.

30 "Ɛsɛ wɔkum awudifoɔ nyinaa. Nanso gye adansefoɔ boro onipa baako di tia no ansa na ɛsɛ wɔkum no. onipa baako di adanseɛ tia no nso a, ɛnsɛ wɔkum no.

31 "Ɛberɛ biara a wɔbɛbua obi kumfɔ no, ɛsɛ ɔwuo a wɔnnye mpata biara.

32 "Odwanefoɔ bi a ɔhyɛ Dwanekɔbea Kuropɔn no mu no nso nni ho ɛkwan ɔtua sika ma wɔma no ɛkwan ne kurom ansa na ɔsɔfopanin no awu.

33 "Yei na ɛbɛma awerɛhyɛmu asase a mote so no ho rengu fi, ɛfiri , awudie gu asase ho fi. Wɔrentumi nyɛ mpatadeɛ foforɔ biara mma awudie gye wɔkum owudifoɔ no. 34 Monngu asase a morekɔtena so no ho fi, ɛfiri , Me, Awurade mete bi. Mene Awurade a mete Israelfoɔ mu no."

Veja também