Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 30

Munnue, Ɔman Asoɔdenfo

1 "Munnue mmofra asoɔdenfo,"

sɛɛ na Awurade se,

"Wɔn a wɔde nhyehyɛe a emfi me adwuma,

na wɔyɛ apam a emfi me honhom mu,

na wɔboaboa bɔne ano;

2 wɔn a wɔkɔ Misraim

a wommisa me ansa;

wɔhwehwɛ mmoa a ɛyɛ bammɔ fi Farao nkyɛn,

wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ hintabea.

3 Nanso Farao bammɔ bɛyɛ animguase ama mo,

Misraim nwini de ahohora bɛbrɛ mo.

4 Ɛwɔ mu, wɔwɔ adwumayɛfo Soan

na wɔn ananmusifo adu Hanes de,

5 nanso wɔn nyinaa anim begu ase

nnipa bi a wɔn so nni wɔn mfaso nti,

wɔmmfa mmoa anaa mfaso mma,

na mmom animguase ne ahohora."

6 Adehunu a ɛfa Negeb mmoa ho:

wɔfa ahokyere ne ahohiahia asase so,

nea gyata ne gyatabere,

nhurutoa ne awɔ a wɔn ho hare ,

ananmusifo no de wɔn ahonyade soa mfurum

ne wɔn ademude yoma afu so,

de saa ɔman a ne so nni mfaso no so,

7 de Misraim a ne mmoa so nni mfaso,

enti mefrɛ no

Rahab nea Onsi Hwee.

8 afei, kyerɛw kyerɛwpon so ma wɔn,

kurukyerɛw nhoma mmobɔwee so

sɛnea nna a ɛreba no mu no

ɛbɛyɛ adansede a ɛbɛtena afebɔɔ.

9 Saa nnipa yi atuatewfo, mma asisifo,

mma a wɔmpɛ wotie Awurade nkyerɛkyerɛ.

10 Wɔka kyerɛ adehufo se,

"Munhu mo ani so ade bio!"

ne adiyifo no nso se,

"Monnka anisoadehu a ɛyɛ nokware no nkyerɛ yɛn bio!

Monka abodwosɛm nkyerɛ yɛn,

monhyɛ nnaadaa nkɔm.

11 Mumfi saa ɔtempɔn yi so,

momman mfi saa ɔkwan yi ho

na munnyae Israel Kronkronni

a mode no haw yɛn yi!"

12 Enti sɛɛ na Israel Ɔkronkronni no se:

"Esiane moapo saa nkra yi,

na mode mo ho ato nhyɛso

ne nnaadaa so nti,

13 saa bɔne yi bɛyɛ

ɔfasu tenten bi a ahyɛ kam na akyea

na ebu mpofirim, ama mo.

14 Ebebubu nketenkete ayɛ kuku.

Ɛbɛyam pasaa a,

sin koraa renka a

wobetumi de asɔ gya afi muka mu

anaa wɔde bɛsaw nsu afi ahina mu."

15 Sɛɛ na Otumfo Awurade, Israel Kronkronni no se:

"Ahonu mu ne ntoboase mu na mo nkwagye

kommyɛ ne ahotoso mu na mo ahoɔden ,

nanso, morennya mu biara.

16 Mokaa se, Dabi da, yɛbɛtena apɔnkɔ so aguan.

Enti mubeguan!

Mokaa se, yɛbɛtena apɔnkɔ a wɔn ho hare so akɔ.

Enti wɔn a wɔtaa mo no ho bɛyɛ hare!

17 Apem beguan

ɔbaako ho hu nti;

baanum ho hu nti

mo nyinaa beguan akɔ,

akosi wobegyaw mo

te frankaa dua a esi bepɔw atifi,

te frankaa a esi koko so."

18 Nanso Awurade ɔdom mo;

ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ.

Efisɛ Awurade ɔtreneeni Nyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

19 Sionfo a mote Yerusalem, morentwa adwo bio. musu frɛ no hwehwɛ mmoa a, ɔbɛdom mo! ɔte a obegye mo so prɛko . 20 Ɛwɔ mu, Awurade brɛ mo amanehunu aduan ne ɔhaw nsu de, nanso, afei mubehu Awurade, mo kyerɛkyerɛfo no bio, na ɔbɛkyerɛ mo kwan. 21 mofa nifa anaa benkum a, mobɛte nne bi mo akyi a ɛka se, "Ɔkwan no ni na momfa so." 22 Afei mobɛtow mo ahoni a mode dwetɛ adura ho ne nsɛsode a mode sikakɔkɔɔ afa ho no nyinaa agu. Mobɛtow wɔn agu ntamagow fi, na moaka kyerɛ wɔn se, "Mumfi yɛn so nkɔ."

23 Afei ɔde osu behyira mo bere a mudua nnuaba, na aduan a asase no bɛbɔ no bɛyɛ papa na ɛbɛdɔɔso nso. Da no, mo anantwi bedidi adidibea a ɛtrɛw so. 24 Mo anantwi ne mo mfurum a wofuntum asase no bɛwe atoko pa ne ne ntɛtɛ a, wɔde sofi ne nkorata trɛtrɛw mu. 25 Saa okum kɛse da no a abantenten ahwehwe ase no, nsuwa bɛteɛ bepɔw tenten ne koko a ɛkorɔn biara so. 26 Ɔsram bɛhyerɛn owia, na owia hyerɛn no bɛyɛ mpɛn ason, te nnafua ason mu hyerɛn, bere a Awurade kyekyere ne nkurɔfo akuru na ɔsa apirakuru a ɔde ama wɔn no.

27 Hwɛ! Awurade fi akyirikyiri reba,

ɔde abufuwhyew ne wusiw kumɔnn;

abufuw ahyɛ nʼanom ma,

na ne tɛkrɛma ogya a ɛhyew nneɛma.

28 Ne home te asuworoe a ɛsen ntɛmntɛm,

na ɛforo kɔdeda kɔn mu.

Ɔwosow aman no ɔsɛe sɔnee so;

ɔde nnareka a ɛma wɔfom kwan

hyehyɛ nnipa no nnyepi.

29 Na mobɛto dwom

te anadwo a mudi afahyɛ kronkron no;

mo koma bedi ahurusi

te bere a nnipa de atɛntɛbɛn foro

Awurade bepɔw no so,

Israel Ɔbotan no nkyɛn.

30 Awurade bɛma nnipa ate nʼabrɛmpɔnnne

na ɔbɛma wɔahu ne basa a ɛresian

na ɛde abufuwhyew ne ogya a ɛhyew nneɛma

osu dennen, aprannaa ne mparuwbo reba.

31 Awurade nne bɛhwe Asiria;

ɔde nʼabaa bɛbɔ wɔn ahwe fam.

32 Ɔbɛbɔ wɔn ɔko mu,

na bere biara a ɔbɛbɔ wɔn no

ɛbɛyɛ akasae ne sankuten so nnwonto koro.

33 Wɔasiesie Topet dedaada;

wɔayɛ no krado ama ɔhene no.

Wɔahyehyɛ ogya ne nnyentia bebree

ne gya amoa no a emu na ɛtrɛw no mu;

Awurade home

te sufre asuten no

bɛsɔ mu gya.

Veja também