Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 31

Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue

1 Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa,

wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,

wɔn a wogye wɔn nteaseɛnam dodow

ne wɔn apɔnkɔsotefo ahoɔden mmoroso no di,

na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,

anaasɛ wɔmpɛ mmoa mfi Awurade .

2 Nanso Awurade onyansafo a obetumi de ɔhaw aba;

ɔnsesa nʼano.

Ɔbɛsɔre atia amumɔyɛfo fi,

ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfo.

3 Na Misraimfo yi nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.

Wɔn apɔnkɔ ɔhonam na wɔnyɛ honhom.

Awurade teɛ ne nsa a,

ɔboafo bɛwatiri

na nea wɔboa no no bɛhwe ase;

wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

4 Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:

"Sɛnea gyata woro so,

sɛnea gyata kokroo woro so gu ne hanam so no

a mpo wɔfrɛ nguanhwɛfo dɔm no so a,

wɔn nteɛteɛmu mmɔ no hu

na wɔn huuyɛ nso nhaw no no,

saa ara na Asafo Awurade besian

abɛko Sion Bepɔw ne ne sorɔnsorɔmmea so.

5 Sɛnea nnomaa tu gyina faako wim no

saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;

ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,

obegyaa no na wagye no asi ."

6 Monsan nkɔ nea moayɛ dɔm atia no no nkyɛn, Israelfo. 7 Da no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi ayɛ no.

8 "Asiria bɛhwe ase afoa a ɛnyɛ onipa de ano;

afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe wɔn.

Wobeguan afi afoa no ano

na wɔbɛma wɔn mmerante ayɛ ɔhyɛ adwuma.

9 Wɔn abandennen bebubu, ehu nti;

wohu akofo frankaa a, wɔn asraafo mpanyimfo bɛbɔ huboa,"

sɛɛ na Awurade se,

nea ne gya Sion,

na ne fononoo si Yerusalem no.

Veja também