Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 32

Trenee Ahenni

1 Hwɛ, ɔhene bi bedi hene trenee mu

na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so.

2 Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea

ne ahum mu guankɔbea,

ɔbɛyɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so

ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so.

3 Wɔn a wohu no ani renkata bio,

na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.

4 Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase,

wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada .

5 Wɔremfrɛ ɔkwasea onuonyamfo bio

na wɔremfa nidi mma apapahwekwa.

6 Ɔkwasea ka nkwaseasɛm

na osusuw bɔne ho:

ɔyɛ anyame apɛde

ɔka Awurade ho nsɛm a enye;

ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan

ɔde nsu kame nea osukɔm de no.

7 Apapahwekwa akwan amumɔyɛ,

ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe

de atoro sɛe ohiani,

bere a ohiani asɛm nokware mpo.

8 Nanso onuonyamfo nhyehyɛe a ɛho nyam

na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.

Yerusalem Mmabaa

9 Mo mmea a mugye mo ho di,

monsɔre na muntie me;

mo mmabea a mususuw mowɔ bammɔ

monyɛ aso mma nea mewɔ ka!

10 Afe akyi nna kakra bi no

mo a mugye di mowɔ bammɔ ho bɛpopo;

bobe twabere no bedi mo huammɔ,

nnuaba no twabere nso remma.

11 Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di

mommɔ hu, mo mmabea a mugye di mowɔ bammɔ!

Mompa mo ho ntama

na momfa atweaatam mmɔ mo asen.

12 Mommobɔ mo koko so mowɔ mfuw afɛfɛ

ne bobe a ɛso no nti,

13 ne me nkurɔfo asase,

asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa.

Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani mu

ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi.

14 Wobegyaw aban no ,

na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan;

abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ,

nea mfurum ne nguankuw didibea,

15 kosi wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so,

na nweatam bɛdan asasebere

na asasebere ayɛ kwae.

16 Trenee bɛtena nweatam so

na adetreneeyɛ atena asasebere so.

17 Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba;

nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei.

18 Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe

afi a wɔabɔ ho ban

homebea a ɔhaw biara nni .

19 Mpo mparuwbo sɛe kwae no

na kuropɔn no sɛe koraa a,

20 wobehyira wo,

wubedua wʼaba nsuwa biara ho,

na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.

Veja também