Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 35

Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛw

1 Nweatam ne asase a awo no ani begye;

sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm.

Te nhwiren no, 2 ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ

ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu,

wɔde Lebanon anuonyam bɛma no

Karmel ne Saron ahoɔfɛ;

wobehu Awurade anuonyam,

yɛn Nyankopɔn tumi no.

3 Hyɛ nsa a emu agow no mu den,

hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;

4 Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se,

"Monhyɛ mo ho den, na munnsuro;

mo Nyankopɔn bɛba,

ɔde aweretɔ bɛba;

ananmuhyɛ a efi ɔsoro

bɛba abegye mo nkwa."

5 Ɛno na wobebue anifuraefo ani,

na wɔama asotifo aso ate asɛm.

6 Ɛno na mpakye behuruw te ɔforote,

na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu.

Nsu betue sare so,

na nsuwansuwa apue nweatam so.

7 Nwea a so hyew no bɛdan ɔtare,

na nsuwansuwa atue asase wosee so.

Atu a anka sakraman te mu no,

ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.

8 Na ɔtempɔn bɛda ;

wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan.

Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan so;

ɛbɛda ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so;

amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.

9 Gyata biara rentena ,

na akekaboa biara rensi so;

wɔrenhu wɔn .

Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,

10 na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba.

Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;

anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw.

Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso,

na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.

Veja também