1 "Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ nea wasra no ngo,
Kores a maso ne nsa nifa mu
sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim
na onnye ahemfo akode mfi wɔn nsam
sɛ ommuebue apon a ɛwɔ nʼanim
sɛnea kurow apon no mu rentoto.
2 Medi wʼanim
mɛyɛ mmepɔw tamaa;
mebubu kɔbere mfrafrae apon agu
na matwitwa nnade adaban mu.
3 Mede sum mu ademude bɛma wo
ahonyade a wɔde asie kokoa mu
sɛnea wubehu sɛ, mene Awurade,
Israel Nyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ wo no.