Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 53

1 Hena na wagye yɛn asɛm no adi?

na Awurade abasa no, hena so na ada adi?

2 Onyin nʼanim te dua amono ketewa bi,

te ntin a efi asase wosee mu.

Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.

Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.

3 Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,

Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw.

Te obi a nnipa de wɔn anim hintaw no

wobuu no animtiaa na yɛammu no.

4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ,

na ɔsoaa yɛn awerɛhow,

nanso yebuu no Onyankopɔn na watwe nʼaso.

Yebuu no , Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.

5 Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,

yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;

asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,

na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.

6 Yɛn nyinaa ayerayera te nguan,

yɛn mu biara afa ne kwan;

na Awurade de yɛn nyinaa

amumɔyɛ ato no so.

7 Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade,

nanso wammue nʼano;

wɔde no kɔɔ te oguamma a wɔrekokum no.

Sɛnea oguamma komm ne nwitwitwafo anim no,

saa ara na wammue nʼano.

8 Wɔnam nhyɛso ne atemmu so faa no kɔe.

Na hena na obetumi aka nʼasefo ho asɛm?

Efisɛ woyii no fii asase yi so;

me nkurɔfo mmarato nti wɔtwee nʼaso.

9 Wɔyɛɛ ne da abɔnefo mu,

na ne wu mu wɔde no too adefo mu

ɛwɔ mu, wanyɛ akakabensɛm biara,

na obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.

10 Nanso ɛyɛɛ Awurade ɔbɛdwerɛw no ama no ahu amane

mpo ɔde ne nkwa afɔdi afɔrebɔde,

obehu nʼasefo na ne nna bɛware,

na Awurade bɛkɔ so ne nsam.

11 Ne kra amanehunu akyi,

obehu nkwa hann, na ne koma atɔ ne yam;

na ne suahu mu me somfo treneeni no bebu bebree bem,

na wasoa wɔn amumɔyɛ.

12 Enti mɛma no kyɛfa atitiriw mu,

na ɔne ahoɔdenfo bɛkyɛ asade

efisɛ ɔde ne nkwa too maa owu,

na wɔkan no fraa mmaratofo.

Ɔsoaa nnipa bebree bɔne,

na odi maa mmaratofo.

Veja também