Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 59

Bɔne, Bɔneka Ne Ogye

1 Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa ɛrennye nkwa,

na nʼasom nyɛ den ɛrente asɛm.

2 Nanso mo amumɔyɛ na atetew

mo ne mo Nyankopɔn ntam;

mo bɔne ama nʼanim ahintaw mo,

a enti ɔrente.

3 Na mogya akeka mo nsa ho,

afɔdi asra mo nsateaa ho.

Mo ano akeka atosɛm,

mo tɛkrɛma de amumɔyɛsɛm di nseku.

4 Obiara nhwehwɛ atɛntrenee;

obiara mfa nokwaredi mmɔ ne nkurow.

Wɔde wɔn ho to nsɛnhuhuw so na wotwa nkontompo;

wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.

5 Wosow nhurutoa nkesua

na wɔnwen ananse ntontan.

Nea odi wɔn nkesua biara bewu,

mu baako nso a, ɛpae ahurutoa.

6 Wɔn ntontan nye mma adurade;

wɔrentumi mfa nea wɔyɛ nkata wɔn ho.

Wɔn nneyɛe nneyɛe bɔne,

na wodi akakabensɛm.

7 Wotu mmirika kɔyɛ bɔne;

wɔnkyɛ opira ne awudi ho.

Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe pasaa.

8 Asomdwoe kwan no, wonnim;

atɛntrenee nni wɔn akwan so.

Wɔadan wɔn akwan kɔntɔnkye

obiara a ɔnantew so no rennya asomdwoe.

9 Enti atɛntrenee ne yɛn ntam aware,

na adetrenee mmɛn yɛn.

Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa sum;

nea ɛhyerɛn, nanso yɛnam sum kabii mu.

10 Te anifuraefo no, yɛkeka afasu ho

hwehwɛ ɔkwan te nnipa a wonni ani.

Owigyinae no yehintihintiw sɛnea onwini adwo;

yedu ahoɔdenfo mu a yɛte awufo.

11 Yɛn nyinaa woro so te sisi;

yɛde awerɛhow kurum mmorɔnoma.

Yɛhwehwɛ atɛntrenee nso yenhu bi;

ogye, nanso ɛwɔ akyirikyiri.

12 Efisɛ, yɛn mfomso adɔɔso wʼani so,

na yɛn bɔne di adanse tia yɛn.

Yɛn mfomso da yɛn anim daa,

na yegye yɛn amumɔyɛ to mu:

13 atuatew ne nkontompo a etia Awurade,

yɛn akyi a yɛdan kyerɛ yɛn Nyankopɔn,

nhyɛso ne atuatew a yɛfoa so,

atosɛm a efi koma mu a yɛka.

14 Enti wɔapam atɛntrenee nʼakyi,

na adetrenee akogyina baabi;

nokware ahwe ase mmɔnten so

nokwaredi ntumi mma mu.

15 Nokware nni baabiara,

obiara a ɔtwe ne ho fi bɔne ho no bɛyɛ ɔtamfo.

Awurade hwɛe na ansɔ nʼani

atɛntrenee nni .

16 Ohuu obiara nni ,

ɛyɛɛ no nwonwa obiara nni a ɔbɛpata;

enti ɔno ankasa basa dii nkwagye ho dwuma maa no,

na ne trenee wowaw no.

17 Ɔhyɛɛ trenee nkatabo,

ne nkwagye dadekyɛw ne ti so.

Ɔhyɛɛ aweretɔ ntade

na ofuraa mmɔdemmɔ ntama.

18 Obegyina nea wɔayɛ so

atua so ka

nʼatamfo benya nʼabufuwhyew

wɔn a wɔne no ayɛ dɔm benya so akatua;

nsupɔw no nso obetua wɔn ka sɛnea ɛfata wɔn.

19 Efi atɔe fam, nnipa besuro Awurade din

na efi apuei, wɔde nidi bɛma nʼanuonyam.

Na ɔbɛba asu a ayiri tɛnn

na Awurade ahomegu repia no.

20 "Ogyefo no bɛba Sion,

na obeyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi Yakob asefo mu,"

sɛɛ na Awurade se.

21 "Me de, eyi me ne wɔn apam," sɛnea Awurade se ni. "Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom, remfi mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefo anom, efi saa bere yi kosi daa apem," sɛɛ na Awurade se.

Veja também