Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 61

Awurade Adom Afe

1 Otumfo Awurade Honhom me so,

efisɛ, wɔafrɛ me

memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.

Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ,

se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum

na wonyi nneduafo mfi sum mu,

2 se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,

ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da.

Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,

3 na memma wɔn a wodi awerɛhow Sion no nea wohia,

na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ

nsi nsõ anan mu,

anigye ngo

nsi awerɛhowdi anan mu,

ayeyi atade

nsi abasamtu honhom anan mu.

Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum

nea Awurade adua

de ada nʼanuonyam adi.

4 Wobesi tete mmubui no bio,

na wɔasiesie mmeaemmeae a asɛe dedaada no;

wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛe no foforo

nea asɛe awo ntoatoaso bebree no.

5 Ananafo bɛhwɛ mo nguankuw;

ahɔho bɛyɛ adwuma mo mfuw ne bobeturo mu.

6 Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfo,

wɔbɛto mo din yɛn Nyankopɔn asomfo.

Amanaman no ahonya no na mubedi

na wɔn ahode na mode bɛhoahoa mo ho.

7 Wɔn animguase anan mu

me nkurɔfo benya anuonyam mmɔho,

na ahohora anan mu

wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔn adedi mu;

ne saa nti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho,

na anigye a enni awiei bɛyɛ wɔn dea.

8 "Na me Awurade, mepɛ atɛntrenee.

Mikyi korɔn ne nnebɔne.

Me nokware mu, mɛbɔ wɔn aba so

na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena daa.

9 Wɔn asefo begye din amanaman no mu

ne wɔn mma nkurɔfo no mu.

Wɔn a wohu wɔn nyinaa begye ato mu

wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn."

10 Awurade mu na me ho sɛpɛw me mmoroso,

me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi.

Efisɛ, ɔde nkwagye ntama afura me

na ɔde trenee atade yuu awura me,

sɛnea ayeforokunu siesie me ti so ɔsɔfo,

ne sɛnea ayeforo de nnwinne hyehyɛ ne ho no.

11 Na sɛnea asase ma afifide pue

na turo nso ma aba nyin no,

saa ara na Otumfo Awurade bɛma trenee ne ayeyi

apue amanaman anim.

Veja também