Pular para o conteúdo
Publicidade

Ezequiel 1

Ateasefoɔ No Ne Awurade Animuonyam

1 Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn anisoadehunu mu.

2 Ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so enum no, na ɔhene Yehoiakin adi atukorɔ mu mfeɛ enum. 3 Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn Asubɔnten Kebar ho Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.

4 Mehwɛeɛ na mehunuu ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te dadeɛ a asɔ kɔɔ. 5 Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te onipa, 6 wɔn mu biara anim ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan. 7 Wɔn nan kyirebenn, wɔn anammɔn te nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho. 8 Wɔwowɔ nnipa nsa ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara nnipa nsa ɛnan a baako ntaban biara ase, 9 na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa wɔn anim tee a wɔnnanedane wɔn ho.

10 Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara onipa anim, wɔwɔ gyata anim nifa so, wɔwɔ nantwie anim benkum so; na wɔn mu biara nso ɔkɔdeɛ anim. 11 Saa na na wɔn anim teteɛ. Wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu ɔsoro; na wɔn mu biara ntaban mmienu mmienu, a emu biara si ɔfoforɔ deɛ anim benkum ne nifa, na ntaban mmienu nso katakata wɔn ho. 12 Obiara nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnane wɔn ho. 13 Ateasefoɔ no suban te ogyasramma a ɛrederɛ anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba ateasefoɔ no mu; ɛhyerɛn na emu na anyinam firi dwidwa. 14 Na ateasefoɔ no di akɔneaba mmirika so te anyinam a ɛredwidwa.

15 Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu ntwahonan si fam ateasefoɔ a wɔn mu biara anim ɛnan no nkyɛn mu. 16 Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu. 17 ntwahonan no nam a, wɔkɔ faako a ateasefoɔ no ani kyerɛ; ntwahonan no, ɛnnanedane ɛberɛ a ateasefoɔ no nam. 18 Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho.

19 ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso saa ara; ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so. 20 Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefoɔ no nso bɛkɔ, na ntwahonan no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, ɛfiri ateasefoɔ no honhom ntwahonan no mu. 21 ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso saa ara; ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri ateasefoɔ no honhom ntwahonan no mu.

22 Na ntrɛmu bi ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa. 23 Na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban no mu asisi anim ntrɛmu no ase, na ateasefoɔ no mu biara ntaban mmienu a ɛkata ne ho. 24 Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte nsuo a ɛreworo so, te Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.

25 Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina no. 26 Na biribi a ɛte aboɔdemmoɔ ahennwa ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte onipa te ahennwa so soro . 27 Mehunuu , ɛfiri deɛ ayɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte dadeɛ a adɔ kɔɔ ogya a ano asɔ, na ɛfiri reba ne fam no, na ɔte egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. 28 Sɛdeɛ nyankontɔn to omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ.

Yei Awurade animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne.

Veja também