Publicidade

Ezequiel 36

Israel Mmepɔ Ho Nkɔmhyɛ

1 "Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ na ka : Israel mmepɔ, montie Awurade asɛm. 2 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛe na ɔtamfoɔ no ka faa wo ho, "Ahaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea." 3 Ɛno enti, hyɛ nkɔm na ka , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane wɔasɛe mo na wɔataataa mo afa nyinaa, na ɛno enti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapadeɛ ne ahohoradeɛ a ɛda wɔn a wɔsi wo atwetwe ano, 4 ɛno enti, Israel mmepɔ, montie Otumfoɔ Awurade asɛm: Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnka ne bɔnhwa, mmubuiɛ a ada mpan ne deɛ ayɛ afo, fomfa nkuro a animguaseɛ aka wɔn aman no nkaeɛ a atwa wɔn ho ahyia no mu. 5 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mefiri anem a emu den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, ɛfiri wɔde fɛdie ne adwemmɔne ayɛ me ɔman wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi afom nʼadidibea.6 Ɛno enti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnhwa ne bɔnhwa , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede ninkunutweɛ mu anibereɛ kasa, ɛfiri amanaman no abu wo animtiaa. 7 Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mema me nsa so ka ntam amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wɔbɛbu wɔn animtiaa.

8 " Nanso mo, Israel mmepɔ, mobɛnya mman, aso aba ama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, ɛfiri ɛrenkyɛre wɔbɛba efie. 9 Mo ho hia me na mɛhunu mo mmɔbɔ; wɔbɛfuntum mo na wɔadua mo so aba, 10 na mɛma wo so nnipa adɔɔso. Israel efie nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkuro no so bio, na wɔbɛsisi mmubuiɛ no nso. 11 Israel mmepɔ, mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso mo so na wɔbɛwowo na wɔadɔre, mɛma nnipa atena wo mu te kane no na wɔbɛma woadi yie asene kane no. Na afei mobɛhunu mene Awurade no. 12 Mɛma nkurɔfoɔ, me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, anante wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapadeɛ na woremma wɔnni mmakuna bio.

13 " Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane nkurɔfoɔ ka kyerɛ wo , "Israel asase, wokum nnipa we na woma wo ɔman no hwere nʼadehyeɛ" enti, 14 worenkum nnipa nwe bio na woremma wo ɔman nhwere nʼadehyeɛ bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 15 Meremma wo nte amanaman no fɛdie bio, na worenhunu nkurɔfoɔ no animtiabuo bio, na wo ɔman nso renhwe ase bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ "

16 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 17 "Onipa ba, ɛberɛ a Israelfoɔ te wɔn ankasa asase soɔ no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te ɔbaa bosome nsabuo mʼani so. 18 Enti mehwiee mʼabufuhyeɛ guu wɔn so ɛfiri wahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu fi. 19 Mebɔɔ wɔn petee amanaman no so na wɔhwetee wɔn guu nsase no so; megyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ so buu wɔn atɛn. 20 Na baabiara a wɔkɔɔ amanaman mu no, wɔguu me din kronkron ho fi, ɛfiri wɔkaa wɔn ho , Yeinom Awurade nkurɔfoɔ, nanso na ɛsɛ wɔfiri nʼasase so.21 Me din kronkron ho hia me, deɛ Israel efie guu ho fi amanaman a wɔkɔɔ so mu no.

22 "Ɛno enti, ka kyerɛ Israel efie , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Israel efie, ɛnyɛ mo enti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no enti, deɛ moguu ho fi amanaman a mokɔɔ so mu no. 23 Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a woagu ho fi amanaman mu no adi, edin a woagu ho fi wɔn mu no. mefa wo so da me ho adi ɔkronkronni ma wɔhunu a, afei amanaman no bɛhunu mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

24 " Na mɛyi wo afiri amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so de mo asane aba mo ankasa asase so. 25 Mede nsuo korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate: Mɛte mo ho afiri nkekaawa ne mo ahoni nyinaa ho. 26 Mɛma wo akoma foforɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wo mu. Mɛyi akoma a ɛte ɛboɔ no afiri wo mu na mama wo akoma foforɔ a ɛte honam. 27 Na mede me Honhom bɛhyɛ wo mu na mama woadi mʼahyɛdeɛ so na woahwɛ adi me mmara so. 28 Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn. 29 Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduane aba ama abu so na meremma ɛkɔm mma mo so. 30 Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuo nso abɔ nnɔbaeɛ sɛdeɛ ɛkɔm enti mo anim rengu ase bio amanaman no mu. 31 Afei, wobɛkae wʼakwammɔne ne wʼamumuyɛ, na wo bɔne ne akyiwadeɛ enti, wo ho bɛyɛ wo nwunu. 32 Mepɛ mohunu ɛnyɛ mo enti na mereyɛ yei, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Momfɛre na momma mo ani nnwu mo abrabɔ ho, Ao Israel efie.

33 " Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkuro so bio na wɔbɛsisi mmubuiɛ no bio. 34 Asase a ada mpan no, wɔbɛdua so nneɛma na ɛrenna kwa sɛdeɛ na ɛteɛ wɔn a na wɔtwam no ani soɔ no. 35 Wɔbɛka , "Saa asase a ada mpan yi ayɛ Eden turo. Nkuropɔn a na adane mmubuiɛ, ayɛ afoafo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu." 36 Afei aman a aka a atwa wo ho ahyia no bɛhunu me Awurade, makyekyere deɛ na asɛeɛ na madua deɛ na ada mpan soɔ, me Awurade na maka na mɛyɛ.

37 "Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛtie Israel efie abisadeɛ na mayɛ yei ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfoɔ adɔɔso nnwan, 38 wɔbɛdɔɔso nnwankuo a wɔde wɔn Yerusalem afɔrebɔdeɛ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu mene Awurade no."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-