Pular para o conteúdo
Publicidade

Números 5

Israelfoɔ Atenaeɛ Kronkronyɛ

1 Yei ne mmara a Awurade sane hyɛ maa Mose: 2 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , ɛsɛ wɔpam akwatafoɔ nyinaa firi atenaeɛ . Wɔn a ekuro atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka efunu enti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ wɔpam wɔn. 3 Mmarima ne mmaa nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa firi sɛdeɛ ɛbɛyɛ na atenaeɛ a me ne mo bɛtena no ho rengu fi". 4 Wɔdii Awurade mmara no so.

5 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose , 6 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , ɔbarima o, ɔbaa o, ɔdi Awurade hwammɔ a, ɛyɛ bɔne. 7 Ɛsɛ ɔka ne bɔne na adeɛ a ɔwiaeɛ no, ɔtua ho ka nyinaa na ɔsane de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔno no. 8 Na onipa ko a ɔyɛɛ no bɔne no awu na ɔnni obusuani biara a ɔbɛn no a wɔbɛtua ho ka ama no no a, ɛsɛ , ɔtua ka no ma ɔsɔfoɔ a, odwennini ka ho mpatadeɛ. Ɛyɛ Awurade dea. 9 Akyɛdeɛ kronkron a Israelfoɔ de bɛkyɛ ɔsɔfoɔ no ne dea. 10 Ɔsɔfoɔ biara bɛfa akyɛdeɛ kronkron biara a ne nsa bɛka."

11 Awurade ka kyerɛɛ Mose , 12 "Ka kyerɛ Israelfoɔ no , ɔbarima bi yere kɔbɔ adwaman 13 nanso ɔnhunu asɛm no mu nokorɛ na ɔnnya ɔdanseni 14 na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a, 15 ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfoɔ anim a ɔbaa no ho afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohwam ngo mfraeɛ lita mmienu ka ho. Ɛfiri , ɛyɛ ninkuntwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokorɛ ada adie ama wɔahunu ɔbaa no di anaa ɔdi bem.

16 "Ɔsɔfoɔ no de ɔbaa no bɛba Awurade anim, 17 na wasa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu mfuturo de afra nsuo kronkron5.17 Nsuo kronkron ne mfuturo a wɔde afra no kyerɛ atɛntenenee a wɔbɛbu nnebɔneyɛfoɔ no. a ɛgu asansuo kɛseɛ bi mu no. 18 Ɔbɛsane ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔdeɛ no agu ne nsam de ahwɛ ɔbarima no nsusuiɛ no nokorɛ ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokorɛ. Ɔsɔfoɔ no bɛgyina nʼanim a ɔkura nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba no. 19-22 Ɔbɛma no aka ntam ɔnnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no , wo ne ɔbarima biara nnaeɛ ka wo kunu nko ara ho deɛ a, ɛnneɛ, wo ho nte mfiri nsuo nwononwono a ɛde mmusuo ba yi ho. Na woabɔ adwaman a, ɛnneɛ, Awurade bɛdome wo wo nkurɔfoɔ mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔ na wo yafunu ahono. Na ɔbaa no bɛka , Aane, saa na ɛsɛ ɛba.

23 "Ɔsɔfoɔ no bɛtwerɛ nnome yi nyinaa agu nwoma bi mu na wahohoro agu nsuo nwononwono no mu. 24 ɛsɛ ɔbaa no nom nsuo no na ɔnom ɛberɛ a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwononwononwono ne mu. 25 Afei, ɔsɔfoɔ no bɛgye ninkunu afɔrebɔdeɛ no afiri ɔbaa no nsam na wahinhim no Awurade anim na ɔde akɔ afɔrebukyia no so. 26 Ɔbɛsa ne nsabuo ma de asi ne nyinaa anan na wahye no afɔrebukyia no so na wama ɔbaa no anom nsuo no. 27 ne ho agu fi na wabɔ adwaman no atia ne kunu a, nsuo a wanom no bɛyɛ nwononwononwono ne mu na ne yafunu ahono na ne srɛ aporɔ na wayɛ nnome ne nkurɔfoɔ mu. 28 ɔyɛ kronn a ɔmmɔɔ adwaman a, wɔrenha no, na ɛrenkyɛre, ɔbɛnyinsɛn.

29 "Yei ne mmara a ɛfa ɔbaa a ne bra nyɛ na ne kunu twe ne ho ninkunu 30 de hwehwɛ mu hunu ɔdi ne kunu nokorɛ anaa ɔnni no nokorɛ no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfoɔ no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa. 31 Wɔrenni ne kunu no asɛm baabiara wama yare bɔne bi aba ne yere so, ɛfiri , ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa."

Veja também