Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 13

Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia

1 Amos babarima Yesaia adehu a ɛfa Babilonia ho ni:

2 Ma frankaa so bepɔw a hwee nni so no atifi,

teɛ mu frɛ wɔn:

nyama wɔn

ma wɔnhyɛn atitiriw no apon mu.

3 Mahyɛ mʼahotewfo;

mafrɛ mʼakofo wɔnna mʼabufuwhyew adi,

wɔn a wodi me nkonimdi ho ahurusi.

4 Tie huuyɛ bi a ɛwɔ mmepɔw no so

te dɔm kɛse bi de!

Tie akasakasa a ɛwɔ ahenni ahorow mu,

te amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!

Asafo Awurade reboa dɔm ano akɔ ɔko.

5 Wofifi akyirikyiri aman so,

wofifi ɔsoro ahye so,

Awurade ne nʼakode a ɛyɛ nʼabufuwhyew;

bɛsɛe ɔman no nyinaa.

6 Twa adwo, na Awurade da no abɛn;

ɛbɛba te ɔsɛe a efi Otumfo no.

7 Eyi nti, nsa nyinaa bedwudwo,

obiara koma bɛbotow.

8 Wɔbɛbɔ hu,

ɔyaw ne apinisi bekita wɔn;

wobebubu wɔn mu te ɔbea a awo aka no.

Wɔde ahodwiriw bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,

a wɔn ani asosɔ gya.

9 Hwɛ, Awurade da no reba

da bɔne a abufuw ne abufuwhyew mu,

ɛrebɛsɛe asase no

na asɛe abɔnefo a wɔte so no.

10 Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuw renhyerɛn.

Sum beduru owia a ɛrepue

na ɔsram nso renhyerɛn.

11 Mɛtwe wiase aso, ne bɔne nti,

ne amumɔyɛfo wɔn nnebɔne ho.

Metwa ahantanfo ahomaso so

mɛbrɛ nea odi awurukasɛm no ahantan ase.

12 Mɛma onipa ho ayɛ na asen sika kɔkɔɔ ankasa

ɔbɛsen Ofir sikakɔkɔɔ.

13 Enti mɛma ɔsoro awosow;

na asase ahinhim ne sibea

Asafo Awurade abufuwhyew ano

nʼabufuwhyewda no.

14 Te ɔwansan a ɔbɔmmɔfo rehwehwɛ no akum no,

te nguan a wonni ɔhwɛfo,

obiara bɛkɔ ne nkurɔfo mu,

obiara beguan akɔ nʼasase so.

15 Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wobehwirew no afoa akum no;

wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtotɔ afoa ano.

16 Wɔbɛtotow nkokoaa ahwehwe fam wɔn anim:

wɔbɛfom wɔn afi mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom mmonnaa.

17 Hwɛ mɛhwanyan Mediafo atia wɔn,

wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee

na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.

18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmerante ahwehwe fam;

wɔrenhu nkokoaa mmɔbɔ

na wɔrennya ayamhyehye mma mmofra.

19 Babilonia, ahenni ahorow mu ɔbohemaa,

anuonyam a Babiloniafo de hoahoa wɔn ho no

Onyankopɔn bɛdan abutuw

te Sodom ne Gomora.

20 Nnipa rentena bio

awo ntoatoaso nyinaa mu;

Arabni biara rensi ne ntamadan

oguanhwɛfo biara remfa ne nguan nkɔhome .

21 Nanso sare so mmoa bɛda .

Sakraman bɛyɛ nʼafi no mu ma;

na mpatu bɛtena,

na wura mu mmirekyi nso bedi agoru.

22 Mpataku bɛtena nʼabandennen mu,

adompo bɛyɛ nʼahemfi fɛfɛ no mu ma.

Ne bere aso,

na wɔrentwe ne nna mu.

Veja também