28 Wunnim ana?
Wontee ana?
Awurade yɛ daapem Nyankopɔn,
na ɔyɛ asase nyinaa yɛfo.
Ɔremmrɛ na ɔrentɔ beraw,
na ne nhumu nni nhwehwɛmu.
29 Ɔma nea watɔ beraw ahoɔden
nea wayɛ mmerɛw nso, ɔto nʼahoɔden so.
30 Mpo, mmabun brɛ, na wɔtɔ beraw,
na mmerante hintihintiw hwehwe ase;
31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so
benya ahoɔden foforo.
Wɔde ntaban sɛ akɔre de betu akɔ wim;
wobetu mmirika, na wɔrentɔ beraw.
Wɔbɛnantew, na wɔrentɔ piti.