1 Hena na wagye yɛn asɛm no adi?
na Awurade abasa no, hena so na ada adi?
2 Onyin wɔ nʼanim te sɛ dua amono ketewa bi,
te sɛ ntin a efi asase wosee mu.
Onni ahoɔfɛ anaa anuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn.
Ne tebea mu nni biribiara a ɛbɛma yɛapɛ no.
3 Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,
Ɔwerɛhowni a onim ɔyaw.
Te sɛ obi a nnipa de wɔn anim hintaw no
wobuu no animtiaa na yɛammu no.
4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛwyɛ,
na ɔsoaa yɛn awerɛhow,
nanso yebuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso.
Yebuu no sɛ, Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛw no.
5 Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,
yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;
asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,
na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.