Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 58

3 Wɔka se, Adɛn nti na yɛadi mmuada

na woanhu yi?

Adɛn nti na yɛabrɛ yɛn ho ase,

na woanhwɛ yi?

"Nanso mo mmuada da no, moyɛ nea mopɛ

na musisi mo adwumayɛfo nyinaa.

4 Ntɔkwaw ne akasakasa na mode wie mo mmuadadi,

ne akuturuku a mode bobɔ mo ho.

Morentumi nni mmuada sɛnea moyɛ no nnɛ yi

na moahwɛ anim wɔbɛte mo nne ɔsoro.

5 Eyi ne mmuadadi a mepɛ ana?

Da koro a onipa de brɛ ne ho ase no ana?

Ɛne obi si ne ti ase te mfea

na ɔtena atweaatam so ne nsõ mu nko ara ana?

Eyi na mofrɛ no mmuadadi,

da a ɛsɔ Awurade ani yi ni ana?

6 "Saa mmuadadi yi na mepɛ:

mubeyiyi ntɛnkyew nkɔnsɔnkɔnsɔn

na moasan konnua ahama,

mubegyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so

na moabubu konnua biara.

Veja também