Wɔawo Akokoaa Ama Yɛn
1 Nanso wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no renni awerɛhow bio. Kan no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufo man na ne kwan da Yordan ne po ntam no anuonyam.
2 Nnipa a wɔnam sum mu
ahu Hann kɛse;
wɔn a wɔte asase a so sum kabii no,
hann bi apue wɔn so.
3 Woatrɛw ɔman no mu
woama wɔn ani agye mmoroso
wodi ahurusi wɔ wʼanim
sɛnea nnipa di ahurusi otwabere,
sɛnea nnipa ho sɛpɛw wɔn
wɔ bere a wɔrekyɛ asade no.
4 Te sɛ da a Midian dii nkogu no,
woadwerɛw konnua a ɛda wɔn so no,
abaa a ɛda wɔn mmati,
wɔn nhyɛsofo pema.
5 Ɔkofo mpaboa a wɔhyɛ de kɔ sa
ne atade biara a mogya akeka mu,
wobegyaw agu hɔ na wɔahyew;
ɛbɛyɛ nea ɛma ogya dɛw.
6 Na wɔawo akokoaa ama yɛn,
wɔama yɛn ɔbabarima,
na amammui no bɛda ne mmati so.
Na wɔbɛfrɛ no
Ɔfotufo Nwonwani, Otumfo Nyankopɔn,
Daa Agya, Asomdwoe Wura.