12 Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,
Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!
Wɔato wo abɛhwe asase so,
wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!
13 Wokaa no wʼakoma mu sɛ,
"Mɛforo akɔ soro;
mɛma mʼahennwa so
asi Onyankopɔn nsoromma atifi;
mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so,
deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.
14 Mɛforo atra omununkum atifi;
mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no."
15 Nanso wɔde wo abɛto damena mu,
amena donkudonku ase tɔnn.