Publicidade

Isaías 33

Ahohia Ne Mmoa

1 Due, Ao ɔdesɛefoɔ Asiria,

wo a wɔnnsɛee woɔ!

Due, Ao ɔfatwafoɔ,

wo a wɔnnii wo hwammɔ!

wowie ade sɛe a,

wɔbɛsɛe wo;

wowie hwammɔdie a,

wɔbɛdi wo hwammɔ.

2 Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ;

yɛn ani da wo so.

yɛn ahoɔden anɔpa biara,

ne yɛn nkwagyeɛ ahohia mu.

3 Aman no te wo nne mmobɔmu a, wɔdwane;

woma wo ho so a, amanaman no hwete.

4 Sɛdeɛ ntutummɛ tu hyɛ asase so we so nnɔbaeɛ no;

saa ara na nnipa bɛto ahyɛ Asiria so.

5 Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro;

ɔde tenenee ne adeteneneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.

6 Ɔbɛyɛ fapem a atim yie mo mmerɛ so,

nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ;

Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ.

7 Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam mmɔntene so;

asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya.

8 Akwantempɔn no so da kwa,

akwantufoɔ biara nni akwan no so.

Wɔabu apam no so;

wɔbu nʼadansefoɔ animtia

wɔmmu obiara.

9 Asase no awo wesee na ɛresɛe,

Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;

Saron ayɛ Araba,

Basan ne Karmel poro wɔn nhahan.

10 "Afei na mɛsɔre," sei na Awurade seɛ.

"Afei na wɔbɛpagya me;

afei na wɔbɛma me so akɔ soro.

11 Monyinsɛne ntɛtɛ,

na mo wo ɛserɛ;

mo ahome ogya a ɛhye mo.

12 Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ akaadoo;

wɔbɛto wɔn mu ogya te nkasɛɛ a wɔatwa."

13 Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ;

mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!

14 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa;

ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame:

"Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena?

Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?"

15 Deɛ ɔnante tenenee mu

na ɔdi nokorɛ

deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba

na ɔnnye adanmudeɛ,

deɛ ɔntie awudie ho

deɛ ɔmpɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no,

16 saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro .

Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no.

Wɔde nʼaduane bɛma no

na ne nsuo mmɔ no.

17 Mo ani bɛhunu ɔhene no nʼanimuonyam mu

na moahunu asase a ɛtrɛ akyirikyiri no.

18 Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho:

"Odwumayɛfoɔ panin no he?

Deɛ na ɔgyegye toɔ no he?

Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no he?"

19 Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio,

wɔn a wɔn kasa mu nna ,

na monte deɛ wɔka no ase no.

20 Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;

mo ani bɛhunu Yerusalem,

asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu;

wɔrentutu ne mpɛɛwa da,

na wɔrentete ne ntampehoma mu nso.

21 Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ.

Ɛbɛyɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa .

Ahyɛmma a wɔhare remfa so;

ahyɛn akɛseɛ rennante so.

22 Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ,

Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ,

Awurade ne yɛn ɔhene;

na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.

23 Wo ntampehoma mu ago

enti ɛhyɛn dua no nnyina yie,

na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu.

Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu

na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ.

24 Obiara nni Sion a ɔbɛka , "Meyare";

na wɔde wɔn a wɔte no bɔne bɛkyɛ wɔn.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-