Israel Agyenkwa Korɔ
1 Na afei, sei na Awurade seɛ,
deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob
deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel;
"Nsuro na magye wo;
mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.
2 Sɛ wofa nsuo mu a,
mɛka wo ho;
na sɛ wotwa nsubɔntene no a,
ɛremmu mfa wo so.
Sɛ wonante ogya no mu a,
worenhye;
ogyaframa no renhye wo.