Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 43

Israel Agyenkwa Korɔ

1 Na afei, sei na Awurade seɛ,

deɛ ɔbɔɔ woɔ, Ao Yakob

deɛ ɔnwonoo woɔ, Ao Israel;

"Nsuro na magye wo;

mabɔ wo din afrɛ wo; woyɛ me dea.

2 wofa nsuo mu a,

mɛka wo ho;

na wotwa nsubɔntene no a,

ɛremmu mfa wo so.

wonante ogya no mu a,

worenhye;

ogyaframa no renhye wo.

3 Na mene Awurade, wo Onyankopɔn,

Israel Kronkronni, wo Agyenkwa.

Mede Misraim mpata ma wo

na mede Kus ne Seba si wʼananmu mu.

Veja também