Publicidade

Isaías 49

Awurade Somfoɔ No

1 Montie me, mo mpoano aman;

monyɛ aso mo akyirikyiri aman

ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me

ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.

2 Ɔyɛɛ mʼano akofena nnamnnam,

Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu;

ɔde me yɛɛ agyan a ano nnam

na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.

3 Ɔka kyerɛɛ me , "Woyɛ me ɔsomfoɔ,

Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi."

4 Nanso mekaa , "Mabrɛ agu

masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee

nanso mede me ho ato Awurade so

na mʼakatua me Onyankopɔn nkyɛn."

5 Na afei, Awurade akasa:

deɛ ɔnwonoo me awotwaa mu memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ

na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn

na me mmoaboa Israel ano mma no no.

Awurade ahyɛ me animuonyam

na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.

6 Ɔka ,

"Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba,

na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba.

Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea,

ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa."

7 Sei na Awurade seɛ,

Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no

de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no,

deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no:

"Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre

ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo

ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ,

Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti."

Israel Si Ne Dada Mu

8 Sei na Awurade seɛ:

"Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo,

na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo;

mɛkora wo na mede wo ayɛ

apam ama nkurɔfoɔ no,

de agye asase no asi

akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.

9 Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ , Momfiri mmra!

ne wɔn a wɔwɔ esum mu , Momfa mo ho nni!

"Wɔbɛdidi akwan ho.

Wɔbɛnya adidibea kokoɔ bonini biara so.

10 Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn;

anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn.

Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan

na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.

11 Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,

na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn.

12 Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba

ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam

ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu."

13 Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro;

di ahurisie, Ao asase;

monto nnwom, Ao mmepɔ!

Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ,

na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.

14 Nanso, Sion kaa , "Awurade agya me ,

Awurade werɛ afiri me."

15 "Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano

a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa?

Ebia ne werɛ bɛfiri,

na me werɛ remfiri wo!

16 Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam

wʼafasuo mʼani so daa.

17 Mo mmammarima resane aba ntɛm so;

na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.

18 Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia;

mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn.

mete ase yi" sɛdeɛ Awurade seɛ,

"mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho

mode wɔn bɛfira ayeforɔkunu.

19 "Ɛwom wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa

maa mo asase daa mpan deɛ,

nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so,

na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.

20 Mmɔfra a wɔwoo wɔn mo nnabɔne mu no

bɛka ama moate ,

Ɛha sua ma yɛn dodo;

momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.

21 Na wobɛka wʼakoma mu ,

Hwan na ɔwoo yeinom maa me?

Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini;

wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me.

Hwan na ɔtetee yeinom?

Wɔgyaa me nko ara

na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’ "

22 Sei na Asafo Awurade seɛ:

"Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ,

mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no.

Wɔbɛturu mo mmammarima wɔn nsa so aba

na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔn mmatire so.

23 Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu,

na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo.

Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam;

wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo.

Afei mobɛhunu me ne Awurade;

Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ."

24 Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam;

anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?

25 Nanso, sei na Awurade seɛ:

"Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam

na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam;

me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya

na mɛgye mo mma nkwa.

26 Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam;

wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã.

Afei adasamma nyinaa bɛhunu

me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no,

mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-