Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 53

3 Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no,

Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea.

Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo;

wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no.

4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ,

na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ,

nanso yɛbuu no Onyankopɔn na watwe nʼaso.

Yebuu no Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.

5 Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ,

yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no;

asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so,

na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa.

Veja também