Publicidade

Isaías 54

Sion Daakye Animuonyam

1 "To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie,

wo a wonnwoo da;

ma wo nne so na team,

wo a awoɔ nkaa wo da;

ɛfiri ɔbaa a woannya awoɔ da no mma

adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,"

Awurade na ɔseɛ.

2 "Trɛ wo ntomadan no mu;

twe wo ntomadan ntwamu no mu,

nnyae ;

toa wo ntampehoma no so,

bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.

3 Ɛfiri wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum;

wʼasefoɔ bɛgye aman afa

na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.

4 "Nsuro. Wʼanim rengu ase.

Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase.

Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo

na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.

5 Na wo Bɔfoɔ wo kunu

Asafo Awurade ne ne din,

Israel Ɔkronkronni no wo Gyefoɔ.

Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.

6 Awurade bɛsane afrɛ wo

te ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea nʼakoma mu,

ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu

na wogyaa no mpofirim," wo Onyankopɔn na ɔseɛ.

7 "Megyaa wo berɛ tiawa bi mu,

nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu mu bɛsane de wo aba.

8 Abufuo mmorosoɔ mu,

mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi,

nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti,

mɛhunu wo mmɔbɔ,"

deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie.

9 "Yei te Noa mmerɛ so a mekaa ntam

meremma nsuyire nkata asase ani bio.

Enti afei maka ntam meremma mebo mfu wo bio,

na merenka wʼanim bio.

10 mmepɔ woso,

na nkokoɔ tutu a,

me a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim

na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,"

sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.

11 "Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ,

mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo,

na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.

12 Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo,

na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono,

na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.

13 Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa,

na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.

14 Wobɛtim tenenee mu:

Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware;

worensuro biribiara.

Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri,

na ɛremmɛn wo.

15 obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me;

na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.

16 "Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ

a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre

na ɔde ahoɔden akodeɛ a ɛfata ne dwumadie.

Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ ɔmmɛsɛe adeɛ;

17 akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina

na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu.

Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ

ne wɔn bembuo a ɛfiri me,"

Awurade na ɔseɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-