1 "Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,
mommra nsuo no ho;
na mo a monni sika,
mommra mmɛtɔ na monni!
Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo
a monntua hwee.
2 Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho
ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho?
Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ,
na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
3 Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;
montie me, na mo kra anya nkwa.
Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,
me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
4 Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no,
wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.
5 Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn,
na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,
Awurade, mo Onyankopɔn enti,
Israel Ɔkronkronni no,
ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam."
6 Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no.
Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.