Awurade Adom Afe
1 Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so,
ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo
sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.
Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ,
sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ
na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,
2 sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,
ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da.
Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,
3 na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia,
na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ
nsi nsõ anan mu;
anigyeɛ ngo
nsi awerɛhoɔdie anan mu,
ayɛyie atadeɛ
nsi abasamutuo honhom anan mu.
Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum
deɛ Awurade adua
de ada nʼanimuonyam adi.