Atemmuo Ne Anidasoɔ
1 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
"Ɔsoro yɛ mʼahennwa,
na asase yɛ me nan ntiasoɔ.
Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me?
Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
2 Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa,
ɛna enti ɛbaa mu anaa?"
Awurade na ɔseɛ.
"Obi a mʼani sɔ no nie:
deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ ne ahonu honhom,
na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.