Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 28

Efraim Ne Yuda Akannifo Nnue

1 Nnome nka nhwiren abotiri a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no

nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho nyam,

a ɛda asasebere bon so.

Nnome nka kuropɔn no, nea nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.

2 Hwɛ, Awurade obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden.

Ɔte mparuwbo ne mframa a ɛsɛe ade

ɔte osu a ɛne mframa nam, ne osuhweam a ɛhyɛ suka ma

ɔbɛtow no ahwe fam ahoɔden so.

3 Saa nhwiren abotiri no a ɛyɛ Efraim asabowfo ahohoahoade no,

wobetiatia so.

4 Saa nhwiren a ɛrepa, nʼahoɔfɛ a ɛho nyam,

a ɛda asasebere bon so no,

bɛyɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwabere adu,

obi hu na ɔte a

odi no ntɛm so.

5 Saa da no Asafo Awurade

bɛyɛ Anuonyam ahenkyɛw,

nhwiren abotiri fɛfɛ

ama ne nkurɔfo nkae no.

6 Ɔbɛyɛ atɛntrenee honhom

ama otemmufo a ɔte agua mu.

Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae

ama wɔn a wɔpam atamfo nkurow apon ano.

7 Na eyinom nso nsa ma wɔtɔ ntintan

na bobesa ma wohinhim;

bobesa ma asɔfo ne adiyifo ntintan

na nsa ma wɔn ani so wɔn totɔtotɔ;

na wohinhim

wɔtɔ ntintan bere a wɔrenya anisoadehu,

na wɔn ano fomfom adwenkyerɛ mu.

8 Ɔfe agugu apon nyinaa so,

na baabiara ayɛ fi.

9 "Hena na ɔpɛ ɔkyerɛkyerɛ no?

Na hena nso na ɔrekyerɛ nʼasɛm ase akyerɛ no?

Mmofra a wɔatwa wɔn nufu,

wɔn a wotwaa wɔn nufu nkyɛe no ana?

10 Na ɛyɛ:

eyi, anaa eyi

mmara foforo akyi mmara;

ɛha kakra, ɛhɔ kakra."

11 Eye, na afei ananafo ano ne kasa foforo

na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfo yi,

12 Ɔka kyerɛɛ wɔn se,

"Ha ne ahomegyebea no, momma abrɛfo no nhome;

ahodwobea nso ni,"

nanso wɔantie no.

13 Enti afei wɔbɛfa Awurade asɛm a ɔde ma wɔn no :

eyi anaa eyi,

mmara foforo akyi mmara;

ha kakra, kakra,

sɛnea wɔrekɔ no ɛbɛma wɔapini wɔn akyi;

wobepirapira, na wɔatɔ afiri mu, na wɔakyere wɔn.

14 Ɛno nti, muntie Awurade asɛm, mo fɛwdifo

a mudi saa nkurɔfo yi so Yerusalem.

15 Mohoahoa mo ho se, "Yɛne owu ayɛ apam,

yɛne ɔda ayɛ nhyehyɛe

asotwe a ano den ba a,

ɛrentumi nka yɛn,

efisɛ yɛde atoro ayɛ yɛn guankɔbea

ne nnaadaa ayɛ yɛn hintabea."

16 Enti nea Otumfo Awurade se ni,

"Hwɛ! Mede ɔbo bi retim Sion,

ɔbo a wɔasɔ ahwɛ,

tweatibo a ɛsom bo ama fapem a ɛyɛ den;

nea ɔde ne ho to so no remmɔ hu.

17 Mede atɛntrenee bɛyɛ susuhama

na treneeyɛ ayɛ ɔfasu kirebennyɛ susuhama

mparuwbo bɛsɛe wo guankɔbea a ɛyɛ atoro no,

na nsu abɛkata wo hintabea .

18 Wobetwa apam a wo ne owu ayɛ no mu;

nhyehyɛe a wo ne ɔda ayɛ no nso rennyina

asotwe a ano den no ba a,

ebetwiw afa mo so.

19 Mpɛn dodow biara a ɛbɛba no ɛbɛsoa mo akɔ;

anɔpa, awia ne anadwo biara,

ɛbɛfa mu akɔ."

Saa nkra yi ntease

de ehu bɛba.

20 Mpa no tia dodo ma wɔteɛ wɔn mu so,

kuntu no hiahiaa ɛbɛso wɔn ho kata.

21 Awurade bɛsɔre sɛnea ɔsɔree Perasim bepɔw so no,

ɔbɛkanyan ne ho sɛnea ɔyɛɛ Gibeon Bon mu,

yɛɛ nʼadwuma, nʼadwuma nwonwaso no

dii ne dwuma, dwumadi a bi mmaa da.

22 Afei gyae wo fɛwdi no,

anyɛ saa a wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru;

Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me

ɔsɛe ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.

23 Muntie na monte me nne;

monwɛn mo aso na muntie nea meka.

24 okuafo funtum asase ɔrebedua so a, ɔyɛ no daa ana?

Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no ana?

25 osiesie asase no ani a,

onnua ɛme, na ɔmpete ntɛtɛ so ana?

Onnua awi ne atoko mu biara nʼafa ana?

26 Ne Nyankopɔn ma no akwankyerɛ

na ɔkyerɛ no ɔkwan pa.

27 Wɔmfa asae mpo ɛme ho,

wɔmfa teaseɛnam hankare mfa ntɛtɛ so;

wɔde pema na ɛboro ɛme,

na wɔde abaa aboro ntɛtɛ.

28 Wɔyam aburow de to brodo

nti obi nkɔ so nyam a onnwie da.

Ɛwɔ mu, ɔde nʼawiporowee teaseɛnam hankare fa so de,

nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.

29 Eyinom nyinaa fi Asafo Awurade,

afotu mu nwonwani,

na ne nyansa boro so.

Veja também