Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 61

Awurade Adom Afe

1 Otumfo Awurade Honhom me so,

efisɛ, wɔafrɛ me

memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.

Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ,

se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum

na wonyi nneduafo mfi sum mu,

2 se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,

ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da.

Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,

3 na memma wɔn a wodi awerɛhow Sion no nea wohia,

na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ

nsi nsõ anan mu,

anigye ngo

nsi awerɛhowdi anan mu,

ayeyi atade

nsi abasamtu honhom anan mu.

Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum

nea Awurade adua

de ada nʼanuonyam adi.

Veja também