Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 120

Ɔsoroforo dwom.

1 Misu frɛ Awurade mʼahohiahia mu,

na ogye me so.

2 Awurade, gye me fi atoro ano,

ne nnaadaa tɛkrɛma nsam.

3 Dɛn na ɔbɛyɛ wo,

na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

4 Ɔde asraafo bɛmma a ano nnam

ne nnyansramma bɛtwe wʼaso.

5 Nnome nka me metena Mesek,

na mete Kedar ntamadan mu!

6 Matena wɔn a wokyi asomdwoe

mu akyɛ dodo.

7 Meyɛ asomdwoe nipa;

nanso mekasa a, wɔde ɔko.

Veja também