Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 122

Ɔsoroforo dwom. Dawid de.

1 Me ne wɔn a wosee me ,

"Ma yɛnkɔ Awurade fi" no ani gyei.

2 Yegyinagyina wʼaponkɛse ano,

Yerusalem.

3 Wɔakyekyere Yerusalem yiye kuropɔn

wahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.

4 Ɛhɔ na mmusuakuw no ,

Awurade mmusuakuw no,

Wɔkɔkamfo Awurade din,

sɛnea nhyehyɛe a wɔde ama Israel no te.

5 Ɛhɔ na atemmu nhengua no sisi,

Dawid fi nhengua no.

6 Monsrɛ asomdwoe mma Yerusalem se,

"Ma wɔn a wɔdɔ wo no nnya bammɔ.

7 Ma asomdwoe mmra wʼafasu mu

na bammɔ mmra wʼaban mu."

8 Me nuanom ne me nnamfonom nti,

mɛka se, "Asomdwoe ntena wo mu."

9 Awurade yɛn Nyankopɔn fi nti,

mɛhwehwɛ wo yiyeyɛ.

Veja também