Pular para o conteúdo
Publicidade

Nnwom 132

Ɔsoroforo dwom.

1 Awurade kae Dawid

ne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no.

2 Ɔkaa Awurade ntam,

na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no se,

3 "Merenhyɛn me fi

na merenkɔda me mpa so,

4 meremma nna mmfa me

na meremma mʼani nkum,

5 kosi menya baabi ama Awurade,

baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena."

6 Yɛtee Efrata,

yɛbɛtoo so Yaar mfuw so.

7 "Momma yɛnkɔ nʼatenae;

momma yɛnsom ne nan ntiaso .

8 Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,

wo ne wo tumi adaka no.

9 Ma trenee nyɛ ntade mma wʼasɔfo;

ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ "

10 Wo somfo Dawid nti,

nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.

11 Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,

nokware ntam a ɔntwe nsan se,

"Wʼasefo no mu baako

na mede no bɛtena wʼahengua so.

12 wo mmabarima di mʼapam so

na wotie me nkyerɛkyerɛ a,

ɛno de wɔn mmabarima bɛtena

wʼahengua so afebɔɔ."

13 Awurade ayi Sion,

ɔde ayɛ nʼatenae:

14 "Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;

ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ,

15 mede nneɛma pa bebree behyira no

na mama nʼahiafo adidi amee.

16 Mede nkwagye befura nʼasɔfo,

na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa.

17 "Mɛma obirɛmpɔn bi apue Dawid ahenni mu,

na mede kanea asi ama nea masra no ngo no.

18 Mede aniwu befura nʼatamfo,

nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn."

Veja também