Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 135

1 Monkamfo Awurade.

Monkamfo Awurade din;

monkamfo no, mo Awurade asomfo,

2 mo a mosom Awurade fi,

adiwo a ɛwɔ yɛn Nyankopɔn fi.

3 Monkamfo Awurade efisɛ oye;

monto ayeyi nnwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.

4 Awurade ayi Yakob ɔnyɛ ne de,

wayi Israel nʼade a ɛsom bo.

5 Minim Awurade so;

Ɔso sen anyame nyinaa.

6 Awurade nea ɔpɛ biara

ɔsoro ne asase so,

po ne mu bun nyinaa.

7 Ɔma omununkum ma ne ho so fi asase ano ba;

ɔsoma anyinam ka osu ho

na ɔma ahum tu fi ne koradan mu.

8 Okum Misraim mmakan,

nnipa ne mmoa mmakan.

9 Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwade baa mo mfimfini, Misraim,

de tiaa Farao ne nʼasomfo nyinaa.

10 Ɔsɛee amanaman pii,

na okunkum ahemfo akɛse,

11 Amorifo hene, Sihon

Basan hene, Og

ne Kanaan ahemfo nyinaa,

12 na ɔde wɔn nsase maa agyapade

ɔde maa ne nkurɔfo Israelfo.

13 Awurade, wo din daa.

Awurade wo din ahyeta awo ntoatoaso nyinaa mu.

14 Awurade bedi ama ne nkurɔfo

na obehu nʼasomfo mmɔbɔ.

15 Amanaman no ahoni dwetɛ ne sikakɔkɔɔ

a wɔde onipa nsa na ayɛ.

16 Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa,

wɔwɔ ani, nanso wonhu ade;

17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,

na ɔhome nso nni wɔn anom.

18 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ wɔn ara,

saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.

19 Monkamfo Awurade, mo Israelfo nyinaa;

monkamfo Awurade, Aaron fi;

20 monkamfo Awurade, Lewi fi;

monkamfo Awurade, mo a musuro no.

21 Mumfi Sion nkamfo Awurade,

monkamfo nea ɔte Yerusalem no.

Monkamfo Awurade.

Veja também