14 Mekamfo wo, efisɛ woyɛɛ me anwonwakwan so a ɛyɛ hu;
wo nnwuma yɛ nwonwa.
Minim ɛno yiye pa ara.
15 Wɔamfa me bɔbea anhintaw wo
bere a wɔyɛɛ me kokoa mu no;
bere a wɔnwenee me wɔ asase bun mu no,
16 wʼani huu me, bere a meyɛ mogyatɔw no.
Nna dodow a woatwa ama me no,
wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ wo nhoma mu
ansa na mu baako reba mu.