Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 145

Ayeyi dwom. Dawid de.

1 Mɛma wo so, me Nyankopɔn, Ɔhenkɛse;

mɛkamfo wo din daa daa.

2 Da biara, mɛkamfo wo;

na mama wo din so daa daa.

3 Awurade so, na ɔsɛ nkamfo kɛse;

obiara ntumi nsusuw ne kɛseyɛ.

4 Awo ntoatoaso baako bɛkamfo wo nnwuma akyerɛ afoforo;

wɔbɛka wo nnwuma akɛse ho asɛm.

5 Wɔbɛka wʼanuonyam ne wo tumi a ɛheran no ho asɛm,

na mɛdwene wʼanwonwadwuma ho.

6 Wɔbɛka wo nnwuma a ɛyɛ hu no mu tumi ho asɛm;

na mapae mu aka wo nneyɛe akɛse no akyerɛ.

7 Wɔbɛhyɛ wo papayɛ mmoroso no ho fa,

na wɔde anigye ato wo trenee ho dwom.

8 Awurade ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo;

ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

9 Awurade ye ma obiara;

na ɔwɔ ahummɔbɔ ma nʼabɔde nyinaa.

10 Awurade, wʼabɔde nyinaa bɛkamfo wo;

na wʼahotefo bɛma wo so.

11 Wɔbɛka wʼahenni no anuonyam ho asɛm

na wɔaka wo mmaninyɛ ho asɛm,

12 ɛbɛyɛ a nnipa behu wo nnwuma akɛse

ne wʼahenni anuonyam a ɛheran no.

13 Wʼahenni daa ahenni,

na wo tumidi ma awo ntoantoaso nyinaa.

Awurade di ne bɔhyɛ nyinaa so,

na ɔwɔ ɔdɔ ma biribiara a wayɛ.

14 Awurade wowaw wɔn a wɔhwe ase

na ɔpagyaw wɔn a wɔn nnesoa ama wɔakom.

15 Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan,

na woma wɔn, wɔn aduan ne bere mu.

16 Wubue wo nsam,

na woma biribiara a ɛwɔ nkwa no nʼapɛde.

17 Awurade teɛ nʼakwan nyinaa mu;

na ɔyɛ adɔe ma nea wayɛ nyinaa.

18 Awurade bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,

wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa.

19 Ɔyɛ wɔn a wosuro no no apɛde ma wɔn;

otie wɔn sufrɛ na ogye wɔn.

20 Awurade hwɛ wɔn a wɔdɔ no no nyinaa so,

nanso amumɔyɛfo de, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa.

21 Mʼano bɛkamfo Awurade.

Ma abɔde nyinaa nkamfo ne din kronkron no

daa daa.

Veja também