Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 2

1 Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho

na nnipa no pɔw hunu yi?

2 Asase so ahemfo sɔre gyina

na sodifo ka wɔn ho mu

tia Awurade ne Nea Wɔasra no no.

3 Wɔka se,

"Momma yemmubu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn

na yɛntow wɔn mpokyerɛ ngu."

4 Nea ɔte agua so ɔsoro no serew;

Awurade di wɔn ho fɛw.

5 Afei ɔka wɔn anim nʼabufuw mu,

hunahuna wɔn nʼabufuwhyew mu, ka se,

6 "Masi me Hene

Sion, me bepɔw kronkron no so."

7 Mɛpae mu aka Awurade ahyɛde:

Ɔka kyerɛɛ me se, "Woyɛ me Ba;

nnɛ mayɛ wʼAgya.

8 Bisa me,

na mede amanaman nyinaa bɛyɛ wʼagyapade,

asase ano nyinaa bɛyɛ wo de.

9 Wode dade ahempema bedi wɔn so;

na woabobɔ wɔn ɔnwemfo ahina."

10 Enti mo ahemfo, munsua nyansa;

monkae kɔkɔbɔ yi, mo asase sodifo.

11 Momfa osuro nsom Awurade

na monsɛpɛw mo ho ahopopo mu.

12 Mumfew Ɔba no ano, na ne bo amfuw

na mo akwan de mo bɛkɔ ɔsɛe mu,

efisɛ nʼabufuwhyew tumi sɔre mpofirim.

Nhyira ne wɔn a woguan toa no nyinaa.

Veja também