Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 21

Dawid dwom.

1 Awurade, ɔhene di anigye wʼahoɔden mu.

Nʼani gye mmoroso nkonimdi a woma no nti!

2 Woama no nea ne koma ;

woamfa nʼabisade ankame no.

3 Wode nhyira a edi mu hyiaa no

na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.

4 Obisaa wo nkwa, na wode maa no,

nna tenten a enni awiei.

5 Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so;

wode kɛseyɛ ne nidi adom no.

6 Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da

na woama no ahosɛpɛw wʼanim anigye mu.

7 Ɔhene no de ne ho to Awurade so;

Ɔsorosoroni no nokware no nti,

ɔrenhinhim.

8 Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa;

wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.

9 Bere a wubeyi wo ho adi no

wobɛyɛ wɔn fononoo a mu adɔ.

Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn,

na ne gya no ahyew wɔn.

10 Wobɛtɔre wɔn ase asase so,

na wɔn asefo afi adesamma mu.

11 Ɛwɔ mu wɔbɔ pɔw tia wo

na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;

12 efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi

bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.

13 Yɛma wo so, Awurade, wʼahoɔden mu;

yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto "Adekyee forote" dwom.

Veja também