Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 4

Dawid dwom.

1 misu frɛ wo a, gye me so,

me trenee Nyankopɔn.

Ma me ɔhome mʼahohia mu;

hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.

2 Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora?

Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?

3 Hu Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho;

Awurade betie, misu mefrɛ no a.

4 mo bo fuw a, monnyɛ bɔne;

modeda mo mpa so a,

monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.

5 Mommɔ afɔre a ɛfata

na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.

6 Nnipa bebree bisa se:

"Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?"

Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.

7 Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma

bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.

8 Mɛtɔ , na mada asomdwoe mu,

efisɛ wo nko ara, Awurade,

na woma metena dwoodwoo.

Wɔde ma dwonkyerɛfo wɔmfa atɛntɛbɛn nto.

Veja também