Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 5

Dawid dwom.

1 Awurade, aso ma me nsɛm

na dwen mʼapinisi ho.

2 Tie me mmoa ho sufrɛ,

me Hene ne me Nyankopɔn,

efisɛ wo na mebɔ wo mpae.

3 Awurade, wote me nne anɔpa;

anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim

na mede anidaso twɛn.

4 Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;

na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.

5 Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim;

wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

6 Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm;

Awurade kyi

mogyapɛfo ne asisifo.

7 Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti,

mɛba wo fi;

na nidi mu na mɛkotow

akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

8 Awurade kyerɛ me kwan

wo trenee mu

mʼatamfo nti,

wo kwan tee mʼanim.

9 Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware;

ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma.

Wɔn menewa ɔda a so abue

wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

10 Onyankopɔn, bu wɔn !

Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe.

Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti,

efisɛ wɔasɔre atia wo.

11 Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye;

ma wɔmfa anigye nto dwom daa.

Trɛw wo bammɔ mu wɔn so,

na wɔn a wɔdɔ wo din no

ma wɔn ani nnye wo mu.

12 Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo;

na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia nkatabo.

Wɔde ma dwonkyerɛfo ɔmfa sankuhama nto Seminit nne so.

Veja também