Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 51

4 Mayɛ mfomso atia wo; atia wo nko ara

na mayɛ nea ɛyɛ bɔne wʼani so,

enti wudi bem wʼatemmu mu

na woteɛ wʼatemmu mu.

5 Ampa ara wɔwoo me bɔne mu,

na bɔne mu na me na nyinsɛn me.

6 Ampa ara nokware na wohwehwɛ me mu.

Wokyerɛ me nyansa a mu .

7 Fa adwerɛ hohoro me ho, na me ho afi;

guare me, na mɛhoa asen sukyerɛmma.

8 Ma mente ahosɛpɛw ne anigye nka;

na ma nnompe a woabubu no nni ahurusi.

9 Kata wʼani me bɔne ho

na pepa mʼamumɔyɛ nyinaa.

Veja também