1 Me nkurɔfo, muntie me nkyerɛkyerɛ;
monyɛ aso mma mʼanom nsɛm.
2 Mɛkasa wɔ abebu mu,
mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,
3 nneɛma a yɛate na yɛahu;
nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.
4 Yɛremfa nkame wɔn mma;
yɛbɛka akyerɛ nkyirimma
Awurade nneyɛe a ɛfata nkamfo no,
ne tumi ne anwonwade a wayɛ no.
5 Ɔyɛɛ ahyɛde maa Yakob
na ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,
nea ɔhyɛɛ yɛn nenanom
sɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,
6 sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua,
mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn,
na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.
7 Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,
na wɔn werɛ remfi ne nneyɛe,
na wobedi nʼahyɛde so.
8 Wɔrenyɛ sɛ wɔn nenanom,
a na wɔyɛ asoɔdenfo ne atuatewfo,
wɔn a wonni Onyankopɔn nokware wɔ wɔn koma mu
na woyɛ honhom mu atorofo ma no no.