Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 92

Dwom a wɔto no Homeda.

1 Eye wɔkamfo wo Awurade

na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni,

2 na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa

ne wo nokware anadwo,

3 hama du sanku so

ne sankuten nnwom mu.

4 Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye;

mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti.

5 Awurade, wo nnwuma akɛse,

na wo nyansa mu !

6 Agyimifo nnim

na nkwaseafo nte ase,

7 amumɔyɛfo benyin sare

na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de,

nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

8 Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ.

9 Awurade, ampa ara,

wʼatamfo bɛyera;

na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.

10 Woama me ahoɔden te ɛko;

woahwie ngohuam papa agu me so.

11 Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi,

mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono.

12 Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te abedua,

wobenyin Lebanon sida;

13 nea wɔadua Awurade fi,

wobenyin frɔmfrɔm yɛn Nyankopɔn adiwo .

14 Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo,

wɔbɛyɛ frɔmfrɔm ahabammono,

15 de akyerɛ , "Awurade ɔtreneeni;

ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu."

Veja também