Pular para o conteúdo
Publicidade

Salmos 96

1 Monto dwom foforo mma Awurade;

asase nyinaa monto dwom mma Awurade.

2 Monto dwom mma Awurade, monkamfo ne din;

mompae mu nka ne nkwagye no daa daa.

3 Monka nʼanuonyam amanaman mu,

monka nʼanwonwade a wayɛ nnipa mu.

4 Awurade ɔkɛse na nkamfo fata no;

ɛsɛ wosuro no sen anyame nyinaa.

5 Aman so anyame nyinaa ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.

6 Anuonyam ne kɛseyɛ nʼanim;

ahoɔden ne anuonyam ne kronkronbea .

7 Momfa mma Awurade, amanaman mmusuakuw,

momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

8 Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;

momfa afɔrebɔde nhyɛn nʼadiwo .

9 Monsɔre Awurade ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;

asase nyinaa momma mo ho mpopo nʼanim.

10 Monka nkyerɛ aman nyinaa se, "Awurade di hene."

Wɔabɔ asase atim pintinn, wɔrentumi ntutu;

ɔde pɛpɛyɛ bebu nnipa atɛn.

11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurusi;

momma po ne mu nneɛma nyinaa nworo;

12 Momma mfuw ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose;

momma kwae mu nnua nyinaa mfa ahosɛpɛw nto nnwom.

13 Momma abɔde nyinaa nni ahurusi Awurade anim, efisɛ ɔreba,

ɔreba abebu asase no atɛn.

Ɔde trenee bebu wiase atɛn

na woabu nnipa nso atɛn ne nokware mu.

Veja também