Publicidade

Ezequiel 13

Atorɔ Adiyifoɔ Atemmuo

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 2 "Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm seesei. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no : Montie Awurade asɛm! 3 Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn ankasa honhom akyi na wɔnhunuu hwee no. 4 Ao Israelfoɔ, mo adiyifoɔ yi te mmubuiɛ mu kɔkɔbo. 5 Monkɔeɛ morekɔsiesie afasuo no afaafa a abubu no ama Israel efie, sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina pintinn ɔko no ano, Awurade ɛda no.6 Wɔn adehunu atorɔ, na wɔn adebisa nnaadaa. Wɔka , Awurade aka ,ɛberɛ a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu. 7 wɔka , Yei na Awurade seɛ, ɛberɛ a menkasaeɛ a, na wɔn anisoadehunu nnyɛ atorɔ? Na wɔn adebisa nso, ɛnnyɛ nnaadaa anaa?

8 "Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 9 Me nsa bɛtia adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu atorɔ na wɔn abisa nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfoɔ badwafoɔ mu, na wɔrentwerɛ wɔn din Israel efie nwoma no mu, na wɔn nan rensi Israel asase so. Na afei wɔbɛhunu mene Otumfoɔ Awurade.

10 "Esiane wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka Asomdwoeɛ, ɛberɛ a asomdwoeɛ nni , na afei, wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti, 11 ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no , ɔfasuo no rebɛbu. Osubrane bɛtɔ, na mɛsoma asukɔtweaa, na mframa a ano den bɛbɔ. 12 Na ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn , ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afaanaa?

13 "Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mʼabufuhyeɛ mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuo mu no, asukɔtweaa ne osubrane de adesɛeɛ ahoɔden atɔ. 14 Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada . ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo mu, na mobɛhunu mene Awurade. 15 Enti mede mʼabufuhyeɛ bɛkɔ ɔfasuo no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo , ɔfasuo no nni bio, na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nni . 16 Wɔyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wɔhunuu asomdwoeɛ anisoadeɛ, ɛberɛ a asomdwoeɛ nni , Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

17 "Afei, onipa ba, ma wʼani nkɔ wo mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm so. Hyɛ nkɔm tia wɔn 18 na ka , Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka mmaa a wɔpempam ntafowayie dwomfadeɛ hyehyɛ wɔn abakɔn na wɔpempam nkatanimu ntiawa ne atentene kata wɔn anim de sum nnipa afidie. Mobɛsum me nkurɔfoɔ nkwa afidie, na mo deɛ, moakora mo deɛ? 19 Moasopa me me nkurɔfoɔ mu de agye atokoɔ nsabuo kakra bi ne burodo asinasini. Monam atorɔ a modi kyerɛ me nkurɔfoɔ a wɔtie atorɔ so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ wuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.

20 " No enti, yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie nnomaa no. 21 Mɛtete mo nkatanimu no mu afiri mo anim, na magye me nkurɔfoɔ nkwa afiri mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mobɛhunu me ne Awurade. 22 Esiane mode atorɔ maa teneneefoɔ aba mu buiɛ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn awerɛhoɔ, na mohyɛɛ amumuyɛfoɔ nkuran wɔnkɔ so wɔn akwan bɔne so na moagye wɔn nkwa no 23 enti, morenhunu atorɔ anisoadeɛ bio na mobɛgyae ntafowayie nso. Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri mo nsa mu, na afei mobɛhunu me ne Awurade no.’ "

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-