Pular para o conteúdo
Publicidade

Isaías 13

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia

1 Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie:

2 Pagya frankaa bepɔ a hwee nni soɔ no atifi,

teaam frɛ wɔn:

nyama wɔn

ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu.

3 Mahyɛ mʼahotefoɔ;

mafrɛ mʼakofoɔ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi,

wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie.

4 Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so

te nnipa dɔm bebree deɛ!

Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu,

te amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!

Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.

5 Wɔfifiri akyirikyiri aman so,

wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so,

Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ;

bɛsɛe ɔman no nyinaa.

6 Twa adwo, na Awurade da no abɛn;

ɛbɛba te ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.

7 Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo,

obiara akoma bɛboto.

8 Wɔbɛbɔ hunu,

ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn;

wɔbɛnukanuka wɔn mu te ɔbaa a awoɔ aka no.

Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,

a wɔn ani asosɔ ogya.

9 Hwɛ, Awurade da no reba

ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ mu,

ɛrebɛsɛe asase no

na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no.

10 Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn.

Esum bɛduru owia a ɛrepue

na ɔsrane nso renhyerɛn.

11 Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti,

ne amumuyɛfoɔ wɔn nnebɔne ho.

Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so

na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase.

12 Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa;

ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ.

13 Enti mɛma ɔsoro awoso;

na asase ahinhim ne siberɛ

Asafo Awurade abufuhyeɛ ano,

nʼabufuhyeɛ da no.

14 Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane,

anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan,

saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ.

Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.

15 Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no;

wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ akofena ano.

16 Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔn anim:

wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa.

17 Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn,

wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee

na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.

18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam;

wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ

na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.

19 Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa,

animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no,

Onyankopɔn bɛdane abutu

te Sodom ne Gomora.

20 Nnipa rentena bio

awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;

Arabni biara rensi ne ntomadan ;

odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home .

21 Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda .

Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma;

ɛhɔ na apatuo bɛtena,

ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ.

22 Mpataku bɛpɔ so nʼaban denden mu,

sakraman bɛyɛ nʼahemfie fɛfɛ no mu ma.

Ne berɛ aso,

na wɔrento ne nna mu.

Veja também