Publicidade

Isaías 27

Israel Ɔgyeɛ

1 Saa ɛda no,

Awurade de nʼakofena bɛtwe aso,

ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no

bɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho herɛ

a ɔbobɔ ne ho no aso;

ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho hu no.

2 Saa da no,

"To dwom fa bobeturo a ɛso no ho :

3 Me, Awurade, mehwɛ so;

megugu so nsuo ɛberɛ biara.

Mebɔ ho ban awia ne anadwo

sɛdeɛ obiara rensɛe no.

4 Me bo mfuiɛ.

ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a

anka mene wɔn de bɛbɔ ani;

na mahye wɔn nyinaa.

5 ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta

na ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho,

aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene."

6 Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim,

Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ

na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.

7 Awurade abɔ Israel

sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa?

Awurade akum Israel

sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa?

8 Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso.

Wode mframa a ano den pam no

te da a apueeɛ mframa no.

9 Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie;

yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara:

Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ

mu nketenkete,

na Asera afɔrebukyia

ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi bio.

10 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan;

atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te anweatam;

ɛhɔ na anantwie mma didie,

ɛhɔ na wɔdeda;

wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho kokwakokwa.

11 nnubaa no wo a, wɔbubu

na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya.

Na saa nnipa yi nni nteaseɛ

enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ,

na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.

12 Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano. 13 Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu Misraim bɛba abɛsom Awurade Yerusalem bepɔ kronkron no so.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-