Publicidade

Isaías 31

Wɔn A Wɔde Wɔn Ho To Misraim So No Nnue

1 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa,

wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so,

wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ

ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die,

na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no,

anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade .

2 Nanso, Awurade onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba;

ɔnsesa nʼano.

Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie,

ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ.

3 Na Misraimfoɔ yi nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn.

Wɔn apɔnkɔ honam na wɔnyɛ honhom.

Awurade tene ne nsa a,

ɔboafoɔ bɛhwinti

na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase;

wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.

4 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:

"Sɛdeɛ gyata so,

sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ ne haboa so no

a mpo wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm ne so a,

wɔn nteateam mmɔ ne hu

na wɔn hooyɛ nso nha no no

saa ara na Asafo Awurade bɛsiane

abɛko Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.

5 Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako ewiem no

saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban;

ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no,

ɔbɛgyaa no na wagye no asi ."

6 Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ. 7 Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ.

8 "Asiria bɛhwe ase akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano;

akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn.

Wɔbɛdwane afiri akofena no ano

na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.

9 Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti;

wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,"

sei na Awurade seɛ,

deɛ ne ogya Sion,

na ne fononoo si Yerusalem no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-