Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 40

28 Wonnim anaa?

Wonteeɛ anaa?

Awurade daapem Onyankopɔn,

na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ.

Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera,

na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.

29 Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden

deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.

30 Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera,

na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase;

31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so

bɛnya ahoɔden foforɔ.

Wɔde ntaban te akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem;

wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ.

Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também